Psalms 10

Atemmu ho mpaebɔ

1O Awurade, adɛn nti na wowɔ akyirikyiri saa?
Adɛn nti na wuhintaw wo ho mmere a yɛrehu amane?
2Nnebɔneyɛfo yɛ ahantan na wɔtane mmɔborɔfo ani.
Kyere wɔn wɔ wɔn mfiri a wɔasunsum mu.
3Ɔdebɔneyɛfo ani gye ne bɔne ho; oniberefo dome Awurade na ɔpo no.
4Ɔdebɔneyɛfo mmu Awurade; nʼahantan mu, odwen sɛ Onyankopɔn ho nhia.
5Ɔdebɔneyɛfo di nkonim wɔ biribiara mu.
Ɔnte Onyankopɔn atemmu ase.
Ɔserew nʼatamfo.
6Ɔka kyerɛ ne ho se, “Merenni nkogu da; merentɔ ɔhaw mu da.”
7Ne kasa yɛ nnome, atoro ne ahunahuna.
Ɔtan ne bɔne wɔ ne kasa mu.
8Ɔhintaw ne ho wɔ nkuraase pɛ sɛ okum atreneefo.
Ɔtetɛw nʼatamfo a wonni obi.
9Ɔtwɛn wɔ kokoam te sɛ gyata.
Ɔda hɔ twɛn mmɔborɔfo.
Ɔkyere wɔn nʼafiri mu twe wɔn ase de wɔn kɔ.
10Ɔde nʼahoɔden dodow no kyere ɔkrabirifo ka no hyɛ.
11Ɔdebɔneyɛfo no ka kyerɛ ne ho se, “Ɛmfa Onyankopɔn ho!
Wabu nʼani agu so, na ɔrenhu me da!”
12O Awurade, twe saa nne bɔneyɛfo no aso!
Kae amanehunufo.
13Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔdebɔneyɛfo tia Onyankopɔn na ɔka kyerɛ ne ho se, “Ɔrentwe mʼaso?”
14Nanso, wuhu; wuhu ɔhaw ne amanehunu na woasiesie wo ho sɛ wobɛboa.
Onibie de ne ho hyɛ wo nsa.
Woboa mmɔborɔfo daa.
15Bubu nnebɔneyɛfo tumi wɔ wɔn bɔne mu.
Twe wɔn aso wɔ wɔn bɔne a wɔayɛ no ho kosi sɛ wobegyae yɛ.
16 Awurade yɛ ɔhene daa nyinaa.
Wɔn a wɔsom anyame foforo no bɛyera nʼasase so.
17O Awurade, wubetie awiɛmfo mpaebɔ; wobɛhyɛ wɔn nkuran.
18Wubetie mmɔborɔfo ne nyisaa su, na woabu wɔn bem sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdasani renhunuhuna wɔn bio.
Copyright information for TwiNAK